,
Bɛyɛ dapɛn baako ni, na wɔ edwuma mu, Henry kyerɛɛ me sɛ mɛtumi de SSH akɔ kɔmputa sɛɛva mu a, merennkyerɛw me sumakasafua. Ade yi ne yɛ nnyɛ den koraa. Meakyerɛw no nea wodidi so yi:
1. Bue hyɛɛl a wɔsan frɛ no tɛminal wɔ wo unix kɔmputa so na kyerɛw
ssh-keygen -t dsa
2. Afei de ɛwɔ sɛ wo kyerɛw safowa a wo kɔmputa no bɛwen akɔ remote sɛɛva ne so.
scp ~/.ssh/id_dsa.pub user@sɛɛvadin.com:
3. Fa SSH so kɔ wo remote sɛɛva ne mu na wodu hɔ a yɛ ade yi
cat id_dsa.pub >> .ssh/authorized_keys
4. Wopɛ a lɔgout firi remote sɛɛva ne so na bɔ mbɔden hwɛ sɛ wo ssh lɔgin foforo no bɛyɛ edwuma a. Ennhia sɛ wode sumakasafua bɛyɛ ssh akɔ wo remote sɛɛva ne so bio!